Yosua 9:8
Joshua 9:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.” Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ na mofiri he?”
Joshua 9:8 in English
Joshua 9:8 · Berean Standard Bible
“We are your servants,” they said to Joshua. Then Joshua asked them, “Who are you and where have you come from?”
Context
6Wɔduruu Israelfoɔ atenaeɛ wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarimma no sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri ɔman bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoeɛ apam.” 7Israelfoɔ no buaa saa Hewifoɔ* yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ monnte mmɛn ha? Ɛfiri sɛ, sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.” 8Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.”
Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ na mofiri he?” 9Wɔbuaa sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri asase bi so. Yɛate Awurade, mo Onyankopɔn no kɛseyɛ ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim nyinaa. 10Afei yɛate deɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og (a ɔtenaa Astarot no).
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.