Yosua 7:20
Joshua 7:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Akan buaa sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade, Israel Onyankopɔn.
Joshua 7:20 in English
Joshua 7:20 · Berean Standard Bible
“It is true,” Achan replied, “I have sinned against the LORD, the God of Israel. This is what I did:
Context
18Na Simri efie baa mmaako mmaako na wɔyii Akan, Karmi ba. 19Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ, “Me ba, fa animuonyam ma Awurade, Israel Onyankopɔn, na ka nokorɛ. Ka wo bɔne ne deɛ wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.” 20Akan buaa sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade, Israel Onyankopɔn. 21Mehunuu atadeɛ ngugusoɔ fɛfɛ bi a wɔkra firii Babilonia,* dwetɛ kilogram mmienu ne fa ne sikakɔkɔɔ poma baako a ano si gram ahanum ne aduɔson (570). Mʼani bereeɛ enti, mefaeɛ. Mede asie fam wɔ me ntomadan mu, na dwetɛ no deɛ, ɛhyɛ fam kyɛn nkaeɛ no.” 22Enti, Yosua somaa mmarima bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ. Wɔtutuu mmirika kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu awifodeɛ no sɛ wɔde asie wɔ hɔ, sɛdeɛ Akan kaeɛ no ara pɛ, na ɔde dwetɛ no asie nneɛma a aka no ase tɔnn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.