Native Bible

Joshua 7:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ, “Me ba, fa animuonyam ma Awurade, Israel Onyankopɔn, na ka nokorɛ. Ka wo bɔne ne deɛ wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.”

Joshua 7:19 in English

Joshua 7:19 · Berean Standard Bible

So Joshua said to Achan, “My son, give glory to the LORD, the God of Israel, and make a confession to Him. I urge you to tell me what you have done; do not hide it from me.”

Context

17Afei Yuda mmusuaban baa anim, na wɔyii Serafoɔ. Afei Sera efie biara baa Awurade anim, na wɔyii Simri efie. 18Na Simri efie baa mmaako mmaako na wɔyii Akan, Karmi ba. 19Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ, “Me ba, fa animuonyam ma Awurade, Israel Onyankopɔn, na ka nokorɛ. Ka wo bɔne ne deɛ wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.” 20Akan buaa sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade, Israel Onyankopɔn. 21Mehunuu atadeɛ ngugusoɔ fɛfɛ bi a wɔkra firii Babilonia,* dwetɛ kilogram mmienu ne fa ne sikakɔkɔɔ poma baako a ano si gram ahanum ne aduɔson (570). Mʼani bereeɛ enti, mefaeɛ. Mede asie fam wɔ me ntomadan mu, na dwetɛ no deɛ, ɛhyɛ fam kyɛn nkaeɛ no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.