Yosua 24:21
Joshua 24:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipa no buaa Yosua sɛ, “Dabi, yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom Awurade.”
Joshua 24:21 in English
Joshua 24:21 · Berean Standard Bible
“No!” replied the people. “We will serve the LORD!”
Context
19Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Morentumi nsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron ne ninkunfoɔ Onyankopɔn. Ɔremfa mo atuateɛ ne mo bɔne nkyɛ mo. 20Sɛ mopa Awurade akyi na mosom anyame foforɔ a, ɔbɛdane atia mo, asɛe mo a ɛmfa ho sɛ ɔne mo adi no yie.” 21Nnipa no buaa Yosua sɛ, “Dabi, yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom Awurade.” 22Yosua nso kaa sɛ, “Mobɛbu saa gyinaeɛ yi ho akonta. Moaka sɛ mobɛsom Awurade.”
Wɔbuaeɛ sɛ, “Aane, yɛbɛbu ho akonta.” 23Yosua kaa sɛ, “Ɛyɛ, monsɛe ahoni a mowɔ nyinaa na momfa mo akoma nto Awurade, Israel Onyankopɔn so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.