Native Bible

Joshua 11:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mmom, Yosua anhye kuropɔn biara a ɛsi esie so gye Hasor.

Joshua 11:13 in English

Joshua 11:13 · Berean Standard Bible

Yet Israel did not burn any of the cities built on their mounds, except Hazor, which Joshua burned.

Context

11Israelfoɔ no sɛee biribiara a nkwa wɔ mu wɔ kuropɔn no so. Wɔannya ɔkra fua mpo. Na Yosua too Hasor kuropɔn no mu ogya. 12Yosua kunkumm ahemfo a aka no nyinaa ne wɔn manfoɔ sɛee wɔn pasaa sɛdeɛ Mose, Awurade ɔsomfoɔ, hyɛɛ no pɛpɛɛpɛ. 13Mmom, Yosua anhye kuropɔn biara a ɛsi esie so gye Hasor. 14Na Israelfoɔ no faa asadeɛ ne anantwie a wɔwɔ nkuro mmubuiɛ no mu nanso wɔkumm emu nnipa no nyinaa. 15Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ne ɔsomfoɔ Mose no, saa ara na Mose nso hyɛɛ Yosua. Na Yosua nso yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ no no, dii deɛ Awurade hyɛɛ Mose no nyinaa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.