Yosua 10:14
Joshua 10:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade ko maa Israel ɛda no. Ebi nsii saa da na ebi rensi da sɛ saa da no a Awurade tiee abisadeɛ sei firii onipa nkyɛn.
Joshua 10:14 in English
Joshua 10:14 · Berean Standard Bible
There has been no day like it before or since, when the LORD listened to the voice of a man, because the LORD fought for Israel.
Context
12Ɛda a Awurade de Amorifoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpaeɛ wɔ Israelfoɔ no anim sɛ,
“Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so
na ɔsrane nso ntae wɔ Ayalon bɔnhwa mu.” 13Na owia ne ɔsrane gyinaa dinn,
kɔsii sɛ Israelfoɔ dii atamfoɔ no so.
Wɔntwerɛɛ saa nsɛm yi wɔ Teefoɔ Nwoma no mu anaa?
Owia gyinaeɛ wɔ ewiem mfimfini na ankɔtɔ sɛdeɛ ɛyɛ daa no. 14Awurade ko maa Israel ɛda no. Ebi nsii saa da na ebi rensi da sɛ saa da no a Awurade tiee abisadeɛ sei firii onipa nkyɛn. 15Na Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ Gilgal atenaeɛ hɔ. 16Ɔko no mu, ahemfo baanum no dwane kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.