Yosua 10:13
Joshua 10:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na owia ne ɔsrane gyinaa dinn, kɔsii sɛ Israelfoɔ dii atamfoɔ no so. Wɔntwerɛɛ saa nsɛm yi wɔ Teefoɔ Nwoma no mu anaa? Owia gyinaeɛ wɔ ewiem mfimfini na ankɔtɔ sɛdeɛ ɛyɛ daa no.
Joshua 10:13 in English
Joshua 10:13 · Berean Standard Bible
So the sun stood still and the moon stopped until the nation took vengeance upon its enemies.* Is this not written in the Book of Jashar?* “So the sun stopped in the middle of the sky and delayed going down about a full day.”*
Context
11Ɛberɛ a Amorifoɔ redwane wɔ ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, Awurade himm aboɔ akɛseɛ guu wɔn so kɔsii sɛ wɔduruu Aseka. Aboɔ no kunkumm wɔn mu bebree sene dodoɔ a Israelfoɔ de akofena kunkumm wɔn no. 12Ɛda a Awurade de Amorifoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpaeɛ wɔ Israelfoɔ no anim sɛ,
“Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so
na ɔsrane nso ntae wɔ Ayalon bɔnhwa mu.” 13Na owia ne ɔsrane gyinaa dinn,
kɔsii sɛ Israelfoɔ dii atamfoɔ no so.
Wɔntwerɛɛ saa nsɛm yi wɔ Teefoɔ Nwoma no mu anaa?
Owia gyinaeɛ wɔ ewiem mfimfini na ankɔtɔ sɛdeɛ ɛyɛ daa no. 14Awurade ko maa Israel ɛda no. Ebi nsii saa da na ebi rensi da sɛ saa da no a Awurade tiee abisadeɛ sei firii onipa nkyɛn. 15Na Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ Gilgal atenaeɛ hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.