Joel 2:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔto hyɛ kuropɔn no so wɔtu mmirika fa afasuo no so wɔforo kɔ afie mu, wɔfa mpoma mu te sɛ akorɔmfoɔ.
Joel 2:9 in English
Joel 2:9 · Berean Standard Bible
They storm the city; they run along the wall; they climb into houses, entering through windows like thieves.
Context
7Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofoɔ;
wɔforo afasuo te sɛ asraafoɔ
na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee,
na wɔmmane benkum anaa nifa. 8Obiara ntwintwane ɔfoforɔ anan mu;
obiara nante kɔ nʼanim tee.
Wɔbu fa banbɔeɛ so,
na wɔpem kɔ wɔn anim ara. 9Wɔto hyɛ kuropɔn no so
wɔtu mmirika fa afasuo no so
wɔforo kɔ afie mu,
wɔfa mpoma mu te sɛ akorɔmfoɔ. 10Asase woso wɔ wɔn anim,
na ɔsoro hinhim.
Owia ne ɔsrane duru sum,
na nsoromma nnhyerɛn bio. 11Awurade bobom
de di nʼasraadɔm no anim.
Nʼakodɔm no dɔɔso bebree,
ahoɔdenfoɔ ne wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so.
Awurade ɛda no yɛ kɛseɛ na ɛyɛ hu;
hwan na ɔbɛtumi agyina ano?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.