Yoɛl 2:24
Joel 2:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Aduane bɛyɛ ayuporobea hɔ ma nsã foforɔ ne ngo bɛbu so wɔ kyi amena mu.
Joel 2:24 in English
Joel 2:24 · Berean Standard Bible
The threshing floors will be full of grain, and the vats will overflow with new wine and oil.
Context
22Monnsuro, mo wiram mmoa!
Ɛfiri sɛ ɛserɛ so adidibea reyɛ frɔmm.
Nnua no reso wɔn aba;
borɔdɔma ne bobe nso reso wɔn aba. 23Momma mo ani nnye, mo Sion mma,
Mo nni ahurisi wɔ Awurade mo Onyankopɔn mu,
ɛfiri sɛ watɔ nsuo ama mo,
ne nokorɛdie enti.
Watɔ nsuo bebree ama mo
wɔ ne berɛ mu te sɛ kane no. 24Aduane bɛyɛ ayuporobea hɔ ma
nsã foforɔ ne ngo bɛbu so wɔ kyi amena mu. 25“Mɛhyɛ mo anan mu,
deɛ mohwereeɛ
mfeɛ dodoɔ a ntutummɛ bɛsɛee mo nneɛma,
ntutummɛ akɛseɛ ne nkumaa,
ne wɔn a aka no nyinaa,
me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no. 26Wobɛdidi amee,
na wobɛyi Awurade wo Onyankopɔn din ayɛ.
Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ ama wo;
me nkurɔfoɔ ani renwu bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.