Joel 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monka nkyerɛ mo mma, na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.
Joel 1:3 in English
Joel 1:3 · Berean Standard Bible
Tell it to your children; let your children tell it to their children, and their children to the next generation.
Context
1Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoɛl so nie. 2Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ;
montie, mo a mote asase no so nyinaa.
Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ so
anaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn? 3Monka nkyerɛ mo mma,
na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma
na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no. 4Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ no
ntutummɛ akɛseɛ no awe
deɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ no
ntutummɛ nkumaa no awe
deɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ no
ntutummɛ afoforɔ awe. 5Mo asabofoɔ, monyane, na monsu!
Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo;
montwa adwo ɛfiri sɛ nsã foforɔ no
wɔayi afiri mo ano.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.