Native Bible

Job 9:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛtwam kɔ sɛ akodoɔ a wɔde paparɔs ayɛ te sɛ akɔdeɛ a wɔreto akyere wɔn ahaboa.

Job 9:26 in English

Job 9:26 · Berean Standard Bible

They sweep by like boats of papyrus, like an eagle swooping down on its prey.

Context

24Ɛberɛ a asase akɔ amumuyɛfoɔ nsam no, ɔfira ɛso atemmufoɔ ani. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan? 25“Me nna ho yɛ herɛ sene ommirikatufoɔ; ɛsene kɔ a anigyeɛ kakra mpo nni mu. 26Ɛtwam kɔ sɛ akodoɔ a wɔde paparɔs ayɛ te sɛ akɔdeɛ a wɔreto akyere wɔn ahaboa. 27Sɛ meka sɛ, ‘Me werɛ mfiri mʼanwiinwii, mɛsesa me nsɛm ka, na masere a,’ 28me yea ahodoɔ no bɔ me hu ara. Na menim sɛ, woremmu me bem.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.