Job 7:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ omununkum yera na ɛtu korɔ no, saa ara na deɛ ɔkɔ damena mu no nsane mma bio.
Job 7:9 in English
Job 7:9 · Berean Standard Bible
As a cloud vanishes and is gone, so he who goes down to Sheol does not come back up.
Context
7Ao Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ahomeɛ;
na merennya anigyeɛ bio da. 8Ani a ɛhunu me seesei renhunu me bio;
mobɛhwehwɛ me, nanso na menni hɔ bio. 9Sɛdeɛ omununkum yera na ɛtu korɔ no,
saa ara na deɛ ɔkɔ damena mu no nsane mma bio. 10Ɔrensane mma ne fie da biara da;
nʼatenaeɛ renkae no bio. 11“Ɛno enti meremmua mʼano;
mɛfiri me honhom ahoyera mu akasa,
mɛfiri me kra ɔyea mu anwiinwii.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.