Job 7:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Me nna kɔ ntɛm sene ɔnwomfoɔ akurokurowa, na ɛkɔ awieeɛ a anidasoɔ biara nni muo.
Job 7:6 in English
Job 7:6 · Berean Standard Bible
My days are swifter than a weaver’s shuttle; they come to an end without hope.
Context
4Sɛ meda a, medwene bisa sɛ, ‘Ɛberɛ bɛn na adeɛ bɛkye?’
Nanso anadwo twam nkakrankakra, na mepere kɔsi ahemadakye. 5Asonsono ne aporɔporɔ ahyɛ me honam ma,
me honam asɛe na ɛrefiri nsuo. 6“Me nna kɔ ntɛm sene ɔnwomfoɔ akurokurowa,
na ɛkɔ awieeɛ a anidasoɔ biara nni muo. 7Ao Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ahomeɛ;
na merennya anigyeɛ bio da. 8Ani a ɛhunu me seesei renhunu me bio;
mobɛhwehwɛ me, nanso na menni hɔ bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.