Native Bible

Job 6:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Otumfoɔ agyan no awɔ me mu, me honhom nom ano awuduro no; wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.

Job 6:4 in English

Job 6:4 · Berean Standard Bible

For the arrows of the Almighty have pierced me; my spirit drinks in their poison; the terrors of God are arrayed against me.

Context

2“Sɛ wɔbɛtumi akari mʼawerɛhodie na me haw nso wɔde agu nsania so a, 3anka emu bɛyɛ duru asene anwea a ɛwɔ ɛpo mu nyinaa, enti ɛnyɛ nwanwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya. 4Otumfoɔ agyan no awɔ me mu, me honhom nom ano awuduro no; wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me. 5Wiram afunumu su wɔ ɛberɛ a wanya ɛserɛ anaa, na nantwie nso su wɔ ɛberɛ a wanya nʼaduane anaa? 6Wɔdi aduane a nkyene nni mu anaa, na kosua mu fufuo nso ɔdɛ bi wɔ mu anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.