Job 6:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
anka emu bɛyɛ duru asene anwea a ɛwɔ ɛpo mu nyinaa, enti ɛnyɛ nwanwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya.
Job 6:3 in English
Job 6:3 · Berean Standard Bible
For then it would outweigh the sand of the seas— no wonder my words have been rash.
Context
1Na Hiob buaa sɛ, 2“Sɛ wɔbɛtumi akari mʼawerɛhodie
na me haw nso wɔde agu nsania so a, 3anka emu bɛyɛ duru asene anwea a ɛwɔ ɛpo mu nyinaa,
enti ɛnyɛ nwanwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya. 4Otumfoɔ agyan no awɔ me mu,
me honhom nom ano awuduro no;
wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me. 5Wiram afunumu su wɔ ɛberɛ a wanya ɛserɛ anaa,
na nantwie nso su wɔ ɛberɛ a wanya nʼaduane anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.