Hiob 5:13
Job 5:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn anifire mu, na ɔbɔ anitefoɔ nhyehyɛeɛ gu.
Job 5:13 in English
Job 5:13 · Berean Standard Bible
He catches the wise in their craftiness,* and sweeps away the plans of the cunning.
Context
11Ɔde ahobrɛasefoɔ si deɛ ɛkorɔn,
na ɔma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nya asomdwoeɛ. 12Ɔsɛe anifirefoɔ nhyehyɛeɛ,
ma wɔn nsa si fam. 13Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn anifire mu,
na ɔbɔ anitefoɔ nhyehyɛeɛ gu. 14Esum duru wɔn awia ketee;
na wɔkeka owigyinaeɛ te sɛ anadwo. 15Ɔgye ahiafoɔ firi afena a ɛhyɛ wɔn anomu;
ɔgye wɔn firi ahoɔdenfoɔ nkyehoma mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.