Native Bible

Job 40:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nsuo nworosoɔ nha no; mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, ɔnni ɔhaw.

Job 40:23 in English

Job 40:23 · Berean Standard Bible

Though the river rages, Behemoth is unafraid; he remains secure, though the Jordan surges to his mouth.

Context

21Nkasɛɛ nkasɛɛ nnua ase na ɔda, na atɛkyɛ mu demmire akata no so. 22Nkasɛɛ nkasɛɛ nwunu no hata ne so; na nsunoa nnua atwa ne ho ahyia. 23Nsuo nworosoɔ nha no; mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, ɔnni ɔhaw. 24Obi bɛtumi akye no animono; anaa obi bɛtumi de afidie ayi no na wabɔne ne hwene mu?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.