Hiob 40:18
Job 40:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nnorobɛn, nʼabasa ne ne nan te sɛ nnadeɛ praban.
Job 40:18 in English
Job 40:18 · Berean Standard Bible
His bones are tubes of bronze; his limbs are rods of iron.
Context
16Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼasene mu
ne ahoɔden fufuo a ɛwɔ ne yafunu so wedeɛ mu! 17Ne dua hinhim sɛ ntweneduro;
ne srɛ mu ntini yɛ peperee. 18Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nnorobɛn,
nʼabasa ne ne nan te sɛ nnadeɛ praban. 19Ɔdi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan,
nanso ne Yɛfoɔ bɛtumi de akofena akɔ ne so. 20Nkokoɔ fifiri wɔn nnɔbaeɛ ma no,
na wiram mmoa nyinaa goro bɛn hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.