Native Bible

Job 39:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wobɛtumi de wo ho ato no so ɛsiane nʼahoɔden dodoɔ nti? Wobɛgya wʼadwuma a ɛyɛ den ama no anaa?

Job 39:11 in English

Job 39:11 · Berean Standard Bible

Can you rely on his great strength? Will you leave your hard work to him?

Context

9“Ɛkoɔ bɛpene sɛ ɔbɛsom wo anaa? Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo anaa? 10Wobɛtumi asa no wɔ fentemfidie so? Ɔbɛfentem mmɔnhwa a ɛda wʼakyi anaa? 11Wobɛtumi de wo ho ato no so ɛsiane nʼahoɔden dodoɔ nti? Wobɛgya wʼadwuma a ɛyɛ den ama no anaa? 12Wogye di sɛ ɔde wʼaburo bɛba na waboa ano de akɔ ayuporobea anaa? 13“Sohori bɔ nʼataban mu anigyeɛ so, nanso wɔntumi mfa ntoto asukɔnkɔn deɛ ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.