Hiob 38:19
Job 38:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛhe na hann firi ba? Na ɛhe na esum nso kɔ?
Job 38:19 in English
Job 38:19 · Berean Standard Bible
Where is the way to the home of light? Do you know where darkness resides,
Context
17Wɔde owuo apono akyerɛ wo?
Woahunu owuo sunsumma apono anaa? 18Woate ewiase a ɛda hɔ hahanaa no ase anaa?
Sɛ wonim yeinom nyinaa a, ka kyerɛ me. 19“Ɛhe na hann firi ba?
Na ɛhe na esum nso kɔ? 20Wobɛtumi de wɔn akɔ wɔn siberɛ?
Wonim akwan a ɛkɔ wɔn atenaeɛ? 21Ampa ara wonim, ɛfiri sɛ na woawo wo dada.
Woanyini yie!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.