Native Bible

Job 38:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asase fa ne bɔberɛ sɛ dɔteɛ a ɛhyɛ nsɔano ase; na ɛso tebea da adi te sɛ atadeɛ.

Job 38:14 in English

Job 38:14 · Berean Standard Bible

The earth takes shape like clay under a seal; its hills stand out like the folds of a garment.

Context

12“Woahyɛ mmara ama adekyeeɛ da? Anaa woakyerɛ no nʼafa, 13sɛ ɛnkɔka asase ano na ɛntu amumuyɛfoɔ mfiri so? 14Asase fa ne bɔberɛ sɛ dɔteɛ a ɛhyɛ nsɔano ase; na ɛso tebea da adi te sɛ atadeɛ. 15Wɔde amumuyɛfoɔ hann akame wɔn, na wɔn abasa a wɔapagya no mu abu. 16“Woapɛɛpɛɛ mu ahunu nsutire a ɛpo firi mu ba anaa woanante ne bunu mu?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.