Hiob 37:3
Job 37:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔgyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa na ɔma ɛkɔduru asase ano.
Job 37:3 in English
Job 37:3 · Berean Standard Bible
He unleashes His lightning beneath the whole sky and sends it to the ends of the earth.
Context
1“Yei ma mʼakoma bɔ paripari
na ɛbɔ denden pa ara. 2Tie! Tie ne nne mmobom,
ne hooyɛ a ɛfiri nʼanom reba. 3Ɔgyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa
na ɔma ɛkɔduru asase ano. 4Ɛno akyi na ne mmobom no ba;
ɔde nne kɛseɛ bobom.
Sɛ ɔkasa a,
biribiara nsianka no. 5Onyankopɔn nne bobom ma no yɛ nwanwa;
ɔyɛ nneɛma akɛseɛ a ɛboro yɛn adwene so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.