Hiob 36:7
Job 36:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔnnyi nʼani mfiri ɔteneneeni so. Ɔma wɔne ahemfo di adeɛ na ɔma wɔn so afebɔɔ.
Job 36:7 in English
Job 36:7 · Berean Standard Bible
He does not take His eyes off the righteous, but He enthrones them with kings and exalts them forever.
Context
5“Onyankopɔn so, nanso, ɔntwiri nnipa;
ɔkorɔn na ɔnhinhim ne botaeɛ mu. 6Ɔmma amumuyɛfoɔ ntena nkwa mu,
na ɔde amanehunufoɔ kyɛfa ma wɔn. 7Ɔnnyi nʼani mfiri ɔteneneeni so.
Ɔma wɔne ahemfo di adeɛ
na ɔma wɔn so afebɔɔ. 8Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa
na amanehunu ahoma akyekyere wɔn papee a, 9ɔka deɛ wɔayɛ kyerɛ wɔn
sɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.