Native Bible

Job 36:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na omununkum tɔ bosuo gu fam na osutɔ bebree gu adasamma so.

Job 36:28 in English

Job 36:28 · Berean Standard Bible

which the clouds pour out and shower abundantly on mankind.

Context

26Onyankopɔn yɛ kɛseɛ, ɛboro yɛn nteaseɛ so! Ne mfeɛ dodoɔ mu nni hwehwɛbea. 27“Ɔtwetwe nsuo a ɛsosɔ, ma ɛdane osutɔ gu asutene mu; 28na omununkum tɔ bosuo gu fam na osutɔ bebree gu adasamma so. 29Hwan na ɔbɛtumi ate sɛdeɛ ɔtrɛtrɛ omununkum mu ase, sɛdeɛ ɔbobɔ mu firi nʼatenaeɛ? 30Hwɛ sɛdeɛ ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho ma ɛkɔ ɛpo bunu mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.