Hiob 34:13
Job 34:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwan na ɔde no sii asase so? Hwan na ɔde ewiase nyinaa hyɛɛ ne nsa?
Job 34:13 in English
Job 34:13 · Berean Standard Bible
Who gave Him charge over the earth? Who appointed Him over the whole world?
Context
11Nnipa nneyɛeɛ so na ɔhwɛ tua wɔn ka;
deɛ ɛfata ne nneyɛeɛ na ɔma ɛba ne so. 12Ɛmfata sɛ wɔde mfomsoɔ susu Onyankopɔn,
na ɛmfata sɛ wɔde ntɛnkyea susu Otumfoɔ. 13Hwan na ɔde no sii asase so?
Hwan na ɔde ewiase nyinaa hyɛɛ ne nsa? 14Sɛ ɛyɛɛ ne pɛ
na ɔyii ne Honhom ne nʼahome a, 15anka adasamma nyinaa bɛbɔ mu ayera,
na onipa bɛsane akɔ mfuturo mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.