Hiob 33:26
Job 33:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ a, ɔbɛnya adom afiri ne hɔ, ɔbɛhunu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛ ateam na Onyankopɔn agye no bio sɛ ɔteneneeni.
Job 33:26 in English
Job 33:26 · Berean Standard Bible
He prays to God and finds favor; he sees God’s face and shouts for joy, and God restores His righteousness to that man.
Context
24ɔbɛhunu no mmɔbɔ na waka sɛ,
‘Monnyaa no na wankɔ damena mu;
na manya mpatadeɛ ama no,’ 25afei ne wedeɛ bɛyɛ foforɔ sɛ abɔfra deɛ,
na asi ne dada mu sɛ mmeranteberɛ mu deɛ. 26Sɛ ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ a, ɔbɛnya adom afiri ne hɔ,
ɔbɛhunu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛ ateam
na Onyankopɔn agye no bio sɛ ɔteneneeni. 27Afei ɔbɛba nnipa mu abɛka sɛ,
‘Meyɛɛ bɔne na mekyeaa deɛ ɛtene,
nanso wantwe mʼaso sɛdeɛ ɛfata me. 28Ɔgyee me ɔkra na wamma no ankɔ damena mu,
enti mɛtena ase na madi hann no mu dɛ.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.