Hiob 31:37
Job 31:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anka mɛbu mʼanammɔntuo biara ho akonta akyerɛ no; anka mɛkɔ nʼanim sɛ ɔheneba.)
Job 31:37 in English
Job 31:37 · Berean Standard Bible
I would give account of all my steps; I would approach Him like a prince.)—
Context
35(“Ao, sɛ anka mewɔ obi a ɔbɛtie me.
Mede me din ahyɛ mʼanoyie ase, ma Otumfoɔ no mmua me;
ma deɛ ɔbɔ me kwaadu no ntwerɛ ne soboɔbɔ. 36Ampa ara, anka mede bɛhyɛ mʼabatiri,
anka mede bɛhyɛ sɛ ahenkyɛ. 37Anka mɛbu mʼanammɔntuo biara ho akonta akyerɛ no;
anka mɛkɔ nʼanim sɛ ɔheneba.) 38“Sɛ mʼasase team tia me
na nisuo fɔ nʼakofie nyinaa, 39sɛ madi so aba a mentuaa ka
anaasɛ mabu ɛso apaafoɔ no abamu a,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.