Native Bible

Job 31:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Makata me bɔne so sɛdeɛ nnipa yɛ de mʼafɔdie ahyɛ mʼakoma mu?

Job 31:33 in English

Job 31:33 · Berean Standard Bible

if I have covered my transgressions like Adam * by hiding my guilt in my heart,

Context

31Mʼasomfoɔ a wɔwɔ me fidua mu nkaa da sɛ, ‘Ɔma ɛkɔm de yɛn.’ 32Ɔhɔhoɔ biara anna abɔntene so da, ɛfiri sɛ me ɛpono ano daa hɔ da biara maa akwantufoɔ, 33Makata me bɔne so sɛdeɛ nnipa yɛ de mʼafɔdie ahyɛ mʼakoma mu? 34Suro a mesuro nnipadɔm ne ahohora a ɛfiri mmusua hɔ no enti meyɛɛ komm a mamfiri adi? 35(“Ao, sɛ anka mewɔ obi a ɔbɛtie me. Mede me din ahyɛ mʼanoyie ase, ma Otumfoɔ no mmua me; ma deɛ ɔbɔ me kwaadu no ntwerɛ ne soboɔbɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.