Hiob 31:20
Job 31:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na sɛ wamfiri akoma mu anhyira me wɔ ɛberɛ a mede me nnwan ho nwi kaa no hye,
Job 31:20 in English
Job 31:20 · Berean Standard Bible
if his heart has not blessed me * for warming him with the fleece of my sheep,
Context
18Dabi, ɛfiri me mmeranteberɛ mu, matete wɔn sɛdeɛ agya bɛyɛ,
na me nkwa nna nyinaa mu, mahwɛ akunafoɔ. 19Sɛ mahunu obi a ɔnni aduradeɛ na ɔrebrɛ,
anaa ohiani bi a ɔnni atadeɛ, 20na sɛ wamfiri akoma mu anhyira me
wɔ ɛberɛ a mede me nnwan ho nwi kaa no hye, 21sɛ mama me nsa so atia awisiaa bi,
ɛsiane sɛ mewɔ tumi wɔ asɛnniiɛ enti a, 22ɛnneɛ ma mʼabasa mpan mfiri mʼabatiri,
ma ɛmmubu mfiri ne pɔ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.