Hiob 30:24
Job 30:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ ɛberɛ a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu.
Job 30:24 in English
Job 30:24 · Berean Standard Bible
Yet no one stretches out his hand to a ruined man when he cries for help in his distress.
Context
22Wohwim me na wode mframa pia me;
wodankyidankyi me wɔ ahum mu. 23Menim sɛ wode me bɛkɔ owuo mu,
baabi a woahyɛ ama ateasefoɔ nyinaa. 24“Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ
ɛberɛ a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu. 25Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu anaa?
Me kra werɛ anho amma ahiafoɔ anaa? 26Nanso ɛberɛ a mʼani da papa so no, bɔne baeɛ;
ɛberɛ a mepɛɛ hann no, esum na ɛduruuɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.