Native Bible

Job 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɛfiri sɛ anto deɛ ɔwoo me awotwaa mu ama wawo me, anka mʼani nhunu saa abɛbrɛsɛ yi.

Job 3:10 in English

Job 3:10 · Berean Standard Bible

For that night did not shut the doors of the womb to hide the sorrow from my eyes.

Context

8Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa ɛda no; wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyane dɛnkyɛmmirampɔn no. 9Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum; na ɔntwɛne adekyeeɛ kwa a ɔnhunu anɔpa owia nsensaneɛ a ɛdi ɛkan, 10ɛfiri sɛ anto deɛ ɔwoo me awotwaa mu ama wawo me, anka mʼani nhunu saa abɛbrɛsɛ yi. 11“Adɛn enti na manwu awoeɛ hɔ, ɛberɛ a mefiri me maame awotwaa mu no? 12Adɛn enti na nkotodwe gyee me ne nufoɔ sɛ mennum?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.