Native Bible

Job 29:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɛberɛ a ne kanea hyerɛn mʼatifi na mede ne kanea menantee esum mu no!

Job 29:3 in English

Job 29:3 · Berean Standard Bible

when His lamp shone above my head, and by His light I walked through the darkness,

Context

1Hiob toaa so sɛ, 2“Mafe abosome a atwam no, nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no, 3ɛberɛ a ne kanea hyerɛn mʼatifi na mede ne kanea menantee esum mu no! 4Ao, ɛnna a mesii soɔ no, ɛberɛ a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fie, 5ɛberɛ a na Otumfoɔ da so ka me ho na me mma atwa me ho ahyia,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.