Hiob 24:23
Job 24:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔtumi ma wɔn tena ase asomdwoeɛ mu, nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.
Job 24:23 in English
Job 24:23 · Berean Standard Bible
He gives them a sense of security, but His eyes are on their ways.
Context
21Wɔde ɔbaa bonini a ɔnni ba yɛ haboa,
na wɔnhunu akunafoɔ mmɔbɔ. 22Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfoɔ kɔ;
ɛwom sɛ wɔnya asetena pa deɛ, nanso wɔnni nkwa ho bɔhyɛ. 23Ɔtumi ma wɔn tena ase asomdwoeɛ mu,
nanso nʼani wɔ wɔn akwan so. 24Wɔma wɔn so berɛ tiawa bi, na afei wɔnni hɔ bio;
wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa;
wɔtwitwa wɔn gu te sɛ aburoo ti. 25“Sɛ yei nte saa a, hwan na ɔbɛtumi agye me akyinnyeɛ
na ama deɛ maka ayɛ nsɛnhunu?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.