Native Bible

Job 22:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Gyaa yɛn! Ɛdeɛn na Otumfoɔ bɛtumi ayɛ yɛn?’

Job 22:17 in English

Job 22:17 · Berean Standard Bible

They said to God, ‘Depart from us. What can the Almighty do to us?’

Context

15Wobɛkɔ so afa ɛkwan dada a abɔnefoɔ anante soɔ no so? 16Wɔpraa wɔn kɔɔeɛ ansa na wɔn berɛ reso, na nsuyire hohoroo wɔn fapem. 17Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Gyaa yɛn! Ɛdeɛn na Otumfoɔ bɛtumi ayɛ yɛn?’ 18Nanso, ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afie mu, enti metwe me ho mefiri amumuyɛfoɔ afutuo ho. 19Teneneefoɔ hunu wɔn asehweɛ ma wɔn ani gye; na wɔn a wɔn ho nni asɛm sere wɔn ka sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.