Native Bible

Job 20:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wafom nneɛma nyinaa awie; ne nkɔsoɔ nnuru baabiara.

Job 20:21 in English

Job 20:21 · Berean Standard Bible

Nothing is left for him to consume; thus his prosperity will not endure.

Context

19Ɛfiri sɛ ɔhyɛɛ ahiafoɔ so ma wɔdii ohia buruburo; ɔde ne nsa ato afie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ so. 20“Ampa ara ɔrennya ahomegyeɛ mfiri deɛ wapere anya no mu; ɔrentumi mfa nʼakoradeɛ nnye ne ho nkwa. 21Wafom nneɛma nyinaa awie; ne nkɔsoɔ nnuru baabiara. 22Nʼadedodoɔ nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu; na amanehunu a emu yɛ den bɛto no. 23Ɛberɛ a nʼafuru ayɛ ma no, Onyankopɔn bɛtɔ nʼabufuo ogya agu ne so na wabobɔ no basabasa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.