Hiob 17:4
Job 17:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Woato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase; enti woremma wɔnni nkonim.
Job 17:4 in English
Job 17:4 · Berean Standard Bible
You have closed their minds to understanding; therefore You will not exalt them.
Context
2Ampa ara fɛdifoɔ atwa me ho ahyia;
ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutupɛ. 3“Ao Onyankopɔn, hyɛ me ɛbɔ a wopɛ.
Hwan bio na ɔbɛma me banbɔ? 4Woato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase;
enti woremma wɔnni nkonim. 5Sɛ obi sopa ne nnamfonom de nya akatua a,
ne mma ani bɛfira. 6“Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano,
obi a wɔte ntasuo gu nʼani so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.