Native Bible

Job 12:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔyɛ aman akɛseɛ, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛ aman mu, na ɔhwete wɔn mu.

Job 12:23 in English

Job 12:23 · Berean Standard Bible

He makes nations great and destroys them; He enlarges nations, then disperses them.

Context

21Ɔde animguaseɛ gu atitire so na ɔtintim gye ahoɔdenfoɔ nsam akodeɛ. 22Ɔda esum mu nneɛma a ahinta adi na ɔde esum kabii ba hann mu. 23Ɔyɛ aman akɛseɛ, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛ aman mu, na ɔhwete wɔn mu. 24Ɔgye ewiase akannifoɔ adwene firi wɔn nsam; na ɔma wɔkyinkyini asase wesee a ɛkwan nna soɔ so. 25Wɔhwehwɛ wɔ esum mu a wɔnni kanea; na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabofoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.