Hiob 1:20
Job 1:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuanee nʼatadeɛ mu na ɔyii ne tirinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade
Job 1:20 in English
Job 1:20 · Berean Standard Bible
Then Job stood up, tore his robe, and shaved his head. He fell to the ground and worshiped,
Context
18Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Na wo mmammarima ne wo mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panin fie, 19na prɛko pɛ, ahum bi bɔ firii ɛserɛ no so bɛdwiraa efie no ntwea ɛnan no. Efie no dwiri guu wɔn so na akunkum wɔn, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.” 20Yei maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuanee nʼatadeɛ mu na ɔyii ne tirinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade 21kaa sɛ,
“Adagya na mede mefiri me maame yam baeɛ,
na adagya na mede bɛsane akɔ.
Awurade de maeɛ, na Awurade afa;
nhyira nka Awurade din!” 22Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.