Yohane 8:4
John 8:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛkyeree ɔbaa yi sɛ ɔrebɔ adwaman,
John 8:4 in English
John 8:4 · Berean Standard Bible
and said, “Teacher, this woman was caught in the act of adultery.
Context
2Adeɛ kyee anɔpa no, ɔsane baa asɔrefie. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn. 3Ɔgu so rekasa no, Yudafoɔ mpanin ne Farisifoɔ de ɔbaa bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ adwaman baa nʼanim. 4Wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛkyeree ɔbaa yi sɛ ɔrebɔ adwaman, 5nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbaa biara a wɔbɛkyere no saa ɛkwan no so no, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ. Ɛdeɛn na woka wɔ ho?” 6Wɔbisaa no yei de sum no afidie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya asɛm bi agyina so atoto nʼano.
Nanso, Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.