Native Bible

John 8:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbaa biara a wɔbɛkyere no saa ɛkwan no so no, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ. Ɛdeɛn na woka wɔ ho?”

John 8:5 in English

John 8:5 · Berean Standard Bible

In the Law Moses commanded us to stone such a woman. So what do You say?”

Context

3Ɔgu so rekasa no, Yudafoɔ mpanin ne Farisifoɔ de ɔbaa bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ adwaman baa nʼanim. 4Wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛkyeree ɔbaa yi sɛ ɔrebɔ adwaman, 5nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbaa biara a wɔbɛkyere no saa ɛkwan no so no, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ. Ɛdeɛn na woka wɔ ho?” 6Wɔbisaa no yei de sum no afidie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya asɛm bi agyina so atoto nʼano. Nanso, Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam. 7Wɔgu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no, nni ɛkan nto boɔ mmɔ no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.