Native Bible

John 8:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔatwerɛ wɔ mo mmara mu sɛ, sɛ adansefoɔ baanu adanseɛ hyia a, na ɛkyerɛ sɛ wɔn adanseɛ no yɛ nokorɛ.

John 8:17 in English

John 8:17 · Berean Standard Bible

Even in your own Law it is written that the testimony of two men is valid.*

Context

15Mo ankasa mode mo adwene na ɛbu atɛn na me deɛ, memmu obiara atɛn. 16Nanso, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mebu atɛn a, mʼatemmuo bɛyɛ atɛntenenee, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ me nko na mɛbu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho. 17Wɔatwerɛ wɔ mo mmara mu sɛ, sɛ adansefoɔ baanu adanseɛ hyia a, na ɛkyerɛ sɛ wɔn adanseɛ no yɛ nokorɛ. 18Medi me ho adanseɛ na mʼAgya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ.” 19Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛhe na wʼAgya no wɔ?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Monnim me, na monnim mʼAgya no nso. Sɛ monim me a, anka mobɛhunu mʼAgya no nso.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.