Yohane 6:3
John 6:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ bepɔ bi so kɔtenaa hɔ kakra.
John 6:3 in English
John 6:3 · Berean Standard Bible
Then Jesus went up on the mountain and sat down with His disciples.
Context
1Yei akyi, Yesu twaa Galilea Po a wɔsane frɛ no Tiberia Po no. 2Esiane sɛ nkurɔfoɔ hunuu sɛ Yesu nam anwanwakwan so asa nnipa pii yadeɛ no enti, wɔdii nʼakyi. 3Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ bepɔ bi so kɔtenaa hɔ kakra. 4Saa ɛberɛ no na Twam Afahyɛ no abɛn. 5Ɛberɛ a Yesu twaa nʼani, hunuu sɛ nnipakuo no reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ, “Ɛhe na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.