Native Bible

John 5:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔba no ntumi mfiri ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom, ɔyɛ deɛ ɔhunu sɛ nʼAgya yɛ no bi.

John 5:19 in English

John 5:19 · Berean Standard Bible

So Jesus replied, “Truly, truly, I tell you, the Son can do nothing by Himself, unless He sees the Father doing it. For whatever the Father does, the Son also does.

Context

17Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mʼagya yɛ adwuma ɛberɛ biara, enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma ɛberɛ biara.” 18Saa asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ mpanin no bo fuiɛ, na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ homeda mmara no nko na wabu so, na bio, ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. 19Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔba no ntumi mfiri ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom, ɔyɛ deɛ ɔhunu sɛ nʼAgya yɛ no bi. 20Ɛfiri sɛ, Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no, ɔma Ɔba no hunu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛseɛ a ɛsene saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiri mo. 21Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ no, saa ara nso na Ɔba no nyane awufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔnyane wɔn no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.