Yohane 5:20
John 5:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ, Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no, ɔma Ɔba no hunu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛseɛ a ɛsene saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiri mo.
John 5:20 in English
John 5:20 · Berean Standard Bible
The Father loves the Son and shows Him all He does. And to your amazement, He will show Him even greater works than these.
Context
18Saa asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ mpanin no bo fuiɛ, na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ homeda mmara no nko na wabu so, na bio, ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. 19Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔba no ntumi mfiri ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom, ɔyɛ deɛ ɔhunu sɛ nʼAgya yɛ no bi. 20Ɛfiri sɛ, Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no, ɔma Ɔba no hunu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛseɛ a ɛsene saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiri mo. 21Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ no, saa ara nso na Ɔba no nyane awufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔnyane wɔn no. 22Afei koraa, mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmuo tumi no ahyɛ Ɔba no nsa,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.