Native Bible

John 5:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mʼagya yɛ adwuma ɛberɛ biara, enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma ɛberɛ biara.”

John 5:17 in English

John 5:17 · Berean Standard Bible

But Jesus answered them, “To this very day My Father is at His work, and I too am working.”

Context

15Ɔbarima yi firii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yadeɛ no. 16Yudafoɔ mpanin yi hyɛɛ aseɛ tanee Yesu ani, ɛfiri sɛ, wabu wɔn homeda mmara no so. 17Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mʼagya yɛ adwuma ɛberɛ biara, enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma ɛberɛ biara.” 18Saa asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ mpanin no bo fuiɛ, na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ homeda mmara no nko na wabu so, na bio, ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. 19Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔba no ntumi mfiri ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom, ɔyɛ deɛ ɔhunu sɛ nʼAgya yɛ no bi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.