Yohane 5:15
John 5:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbarima yi firii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yadeɛ no.
John 5:15 in English
John 5:15 · Berean Standard Bible
And the man went away and told the Jews that it was Jesus who had made him well.
Context
13Nso na deɛ ne ho yɛɛ no den no nnim Yesu. Afei, nso na Yesu afiri nnipa no mu kɔ. 14Akyire yi, Yesu hyiaa ɔbarima yi wɔ asɔredan mu tuu no fo sɛ, “Afei a wo ho ayɛ wo den yi, hwɛ yie na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsene kane yadeɛ no amma wo so.” 15Ɔbarima yi firii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yadeɛ no. 16Yudafoɔ mpanin yi hyɛɛ aseɛ tanee Yesu ani, ɛfiri sɛ, wabu wɔn homeda mmara no so. 17Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mʼagya yɛ adwuma ɛberɛ biara, enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma ɛberɛ biara.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.