Yohane 4:8
John 4:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛberɛ no, na Yesu asuafoɔ no kɔ kuro no mu kɔtɔ aduane.
John 4:8 in English
John 4:8 · Berean Standard Bible
(His disciples had gone into the town to buy food.)
Context
6Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ enti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa ɛberɛ no bɛyɛ awia nnɔndumienu. 7Ankyɛre, Samariani baa bi baa hɔ bɛtoo nsuo, na Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsuo no bi nnom.” 8Saa ɛberɛ no, na Yesu asuafoɔ no kɔ kuro no mu kɔtɔ aduane. 9Samariani baa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsuo afiri me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni hwee yɛ. 10Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsuo yi a, anka wobɛsrɛ no, na wama wo nkwa nsuo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.