Yohane 21:2
John 21:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛberɛ no, na Simon Petro, ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafoɔ no mu baanu na na wɔwɔ ɔtadeɛ no ho.
John 21:2 in English
John 21:2 · Berean Standard Bible
Simon Peter, Thomas called Didymus,* Nathanael from Cana in Galilee, the sons of Zebedee, and two other disciples were together.
Context
1Akyire no, Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafoɔ no mu bi. Ɛkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no nie: 2Saa ɛberɛ no, na Simon Petro, ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafoɔ no mu baanu na na wɔwɔ ɔtadeɛ no ho. 3Wɔwɔ hɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no sɛ, “Merekɔyi nam.” Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne wo bɛkɔ.” Wɔn nyinaa kɔtenaa kodoɔ mu kɔɔ ɛpo, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara. 4Adeɛ kyee anɔpa a anim retete no, Yesu bɛgyinaa mpoano hɔ, nanso na asuafoɔ no nnim sɛ ɛyɛ ɔno.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.