Native Bible

John 21:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu sane bisaa no sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me anaa?” Petro sane buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu sane ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ me nnwan.”

John 21:16 in English

John 21:16 · Berean Standard Bible

Jesus asked a second time, “Simon son of John, do you love Me?” “Yes, Lord,” he answered, “You know I love You.” Jesus told him, “Shepherd My sheep.”

Context

14Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafoɔ no. 15Wɔdidi wieeɛ no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me sene sɛdeɛ yeinom dɔ me no anaa?” Petro buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwammaa.” 16Yesu sane bisaa no sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me anaa?” Petro sane buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu sane ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ me nnwan.” 17Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?” Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhoɔ sɛ Yesu abisa no saa asɛm korɔ no ara mprɛnsa. Enti, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, wonim biribiara, na wonim nso sɛ, medɔ wo!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwan. 18Meka nokorɛ akyerɛ wo. Woyɛ aberanteɛ no, na wotumi siesie wo ho kɔ baabiara a wopɛ, na woyɛ deɛ wopɛ biara nso. Nanso, sɛ wobɔ akɔkoraa a, wobɛtene wo nsam na obi asiesie wo ho ama wo, de wo akɔ baabi a anka wompɛ sɛ wokɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.