Yohane 21:14
John 21:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafoɔ no.
John 21:14 in English
John 21:14 · Berean Standard Bible
This was now the third time that Jesus appeared to the disciples after He was raised from the dead.
Context
12Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdidi.” Asuafoɔ no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade. 13Yesu faa burodo no kyekyɛ maa wɔn. Yei akyi no, ɔkyɛɛ nam a na wɔatoto no nso maa wɔn. 14Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafoɔ no. 15Wɔdidi wieeɛ no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me sene sɛdeɛ yeinom dɔ me no anaa?”
Petro buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.”
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwammaa.” 16Yesu sane bisaa no sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me anaa?”
Petro sane buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.”
Yesu sane ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ me nnwan.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.